Русские видео

Сейчас в тренде

Иностранные видео


Скачать с ютуб Akyekyedeε ne n’atεntεbεn: Learn Asante Twi with subtitles - Story for Children "BookBox.com" в хорошем качестве

Akyekyedeε ne n’atεntεbεn: Learn Asante Twi with subtitles - Story for Children "BookBox.com" 6 лет назад


Если кнопки скачивания не загрузились НАЖМИТЕ ЗДЕСЬ или обновите страницу
Если возникают проблемы со скачиванием, пожалуйста напишите в поддержку по адресу внизу страницы.
Спасибо за использование сервиса savevideohd.ru



Akyekyedeε ne n’atεntεbεn: Learn Asante Twi with subtitles - Story for Children "BookBox.com"

Turtle, a gifted flutist, is trapped by a greedy man. How will she escape now? Akyekyedeε ne n’atεntεbεn Brazilfoɔ anansesεm Ɛyε Akyekyedeε na ɔbɔɔ n’atεntεbεn no wɔ nsuo no ano. Na Akyekyedeε bɔ n’atεntεbεn no a, agyata, εsono, nfafrantɔ, awɔ, ne nkwakuo sa. Da koro bi, papa bi tee sε Akyekyedeε rebɔ atεntεbεn no. Ɛnna papa no kaa ne tirim sε: Ai, wei deε, Akyekyedeε na ɔreto saa dwom no. Me koraa me kɔn dɔ Akyekyedeε. Na papa no teaa mu sε: Akyekyedeε! Ma menhunu w’atentεbεn fεfεεfε no. Na Akyekyedeε kɔgyinaa pono no ano, na ɔyii n’atentebεn no kyerεε papa no. Prεko pε, papa no yeree akyekyedeε no kɔn, na ɔde mmirika kɔɔ fie. Na Akyekyedeε pεε sε osu frε obi, nanso na ɔntumi nkasa. Na ɔkataa n’ani, na ɔsɔɔ n’atεntεbεn no dendeenden; na n’ani da so sε nneεma bεsi no yie. Na papa no duruu ne sese no no, ɔde Akyekyedeε too ebuo mu. Ɛnna papa no danee ne ho kyerεε ne mma no sε: Hwε na moanyi Akyekyedeε amfiri ebuo no mu. Ɛnna papa no kɔɔ wiram. Ankyε na nkwadaa no kɔɔ abɔnten kɔdii agorɔ. Na Akyekyedeε redwene nsεm a papa no kaeε no. Afei, ɔbɔɔ n’atεntεbεn no; Ankyε na nkwadaa no baa ne nkyεn. Na nkwadaa no bisaa no sε: Akyekyedeε, wo na worebɔ atεntεbεn no? Na Akyekyedeε gyee so sε: Aane. Na Akyekyedeε hunuu sε εdwom no sɔɔ nkwadaa no ani, nti ɔguu so bɔɔ atεntεbεn no. Na ɔgyaee atεntεbεn no bɔ. Na ɔkaa sε: M’asa yε sene me dwomto. Wopε sε wohunu? Na ɔbarima no kaa sε: O, mepa wo kyεw! Na Akyekyedeε kaa sε: Mεkyerε wo sεnea yεsa, εberε a yεrebɔ atεntεbεn no. Nanso, εwɔsε wobue ebuo no. Me ho kyere me. Na ɔbarima no buee ebuo no no, Akyekyedeε bɔɔ atεntεbεn no saeε. Na nkwadaa no bɔɔ ɔmo nsam sereeε, εfiri sε ɔmo nhunuu biribiara a εyε anika saa ara. Na Akyekyedeε gyaee dwomto ne asa no. Ɛnna nkwadaa no teaa mu sε: Nnyae! Na Akyekyedeε kaa sε: O, mentumi ntu me nan. Sε anka metumi nantenante a, anka me nan bεtɔ me. Na ɔbaa no ka kyerεε Akyekyedeε sε: Hwε na woankɔ nohoa. Kɔbra sesia. Na Akyekyedeε buaa no sε: O, εnyε hwee. Wo deε, gyina ha na twεn me. Na Akyekyedeε kɔgyinaa kwaeε no nkyεn. Na ɔhwεε ha ne ha, na ɔhunuu sε obiara nni hɔ no, ɔde mmirika kɔɔ fie. Ɛfiri saa da no, obiara nhunuu Akyekyedeε. Nanso, bεsi nnε, sε woyε aso a, wotumi te atεntεbεn nyegyeε bi a εfiri kwaeε no mu. Author: Amit Garg Illustrations: Emanuele Scanziani Music: Holger Jetter Translator & Narrator: Elrod Owusu-Asumeng Animation: BookBox FREE Apps for iPads & iPhones: http://www.bookbox.com/ios FREE Apps for Android phones & tablets: http://www.bookbox.com/android Many more stories, languages & multiple subtitle options: http://www.bookbox.com #BookBox #BookBoxAsanteTwi #Learn2Read

Comments